Add parallel Print Page Options

Yesu ma nnipa mpemnum aduan

Eyi akyi, Yesu twaa Galilea po a wɔsan frɛ no Tiberia po no. Esiane sɛ nkurɔfo hui sɛ Yesu nam anwonwa kwan so asa nnipa pii yare no nti, wodii n’akyi. Yesu ne n’asuafo no kɔɔ bepɔw bi so kɔtenaa hɔ kakra. Saa bere no na Twam Afahyɛ no abɛn. Bere a Yesu twaa n’ani, hui sɛ nnipakuw no reba ne nkyɛn no, obisaa Filipo se, “Ɛhe na yebenya aduan ama saa nnipa dodow yi?” Yesu bisaa Filipo saa asɛm yi de sɔɔ no hwɛe, efisɛ, na onim nea ɔbɛyɛ. Filipo buae se, “Ansa na yebetumi ama saa nnipa dodow yi aduan no, ɛsɛ sɛ yenya sika a emu yɛ duru.”

Andrea a ɔyɛ Simon Petro ne nua no kae se, “Abarimaa bi wɔ ha a ɔwɔ abodoo anum ne nkyenam abien; na eyi betumi aso nnipa dodow yi di?”

10 Yesu hyɛɛ n’asuafo no sɛ, “Momma obiara ntena ase.” Asuafo no ma wɔtenatenaa sare no so. Na mmarima a wɔwɔ wɔn mu no dodow bɛyɛ mpemnum. 11 Yesu faa abodoo no bɔɔ mpae na ɔkyɛ maa wɔn. Ɔfaa saa kwan koro no ara so kyɛɛ nkyenam no nso maa wɔn.

12 Wodidi mee akyi no, Yesu ka kyerɛɛ wɔn se, “Mommoaboa aduan a aka no ano na ebi ansɛe.” 13 Wɔboaboaa aduan a ɛkae no ano no, ɛyɛɛ nkɛntɛmma dumien.

14 Nnipa no huu nsɛnkyerɛnne a Yesu ayɛ no, wɔkae se, “Ampa ara, onipa yi ne odiyifo a yɛrehwɛ no kwan no.”

15 Yesu hui sɛ nnipa no ayɛ wɔn adwene sɛ wɔbɛkyere no asi no hene no, ɔtwee ne ho fii wɔn mu kɔɔ bepɔw no so bio.

Yesu nantew po so

16 Onwini dwoe no, Yesu asuafo no kɔɔ Galilea mpoano. 17 Wɔtwɛn kosii sɛ ade sae na ɔmma no, wɔkɔtenaa ɔkorow mu sɛ wɔrekɔ Kapernaum. 18 Saa bere no na ahum retu wɔ po so ama po no so ayɛ bagyabagya. 19 Wɔhare kɔɔ wɔn anim bɛyɛ akwansin abiɛsa anaa anan no, wohui sɛ obi nam po no so reba; eyi maa ehu kaa wɔn kosii sɛ, 20 Yesu kae se, “Ɛyɛ me. Munnsuro!”

21 Wohui sɛ ɛyɛ Yesu no, wɔma ɔbɛtenaa ɔkorow no mu. Ankyɛ koraa na woduu Kapernaum.

22 Ade kyee no, nnipa a na wɔwɔ Galilea po no agya no hui sɛ ɔkorow baako pɛ na na ɛwɔ hɔ nanso asuafo no tenaa mu kɔe a na Yesu nka wɔn ho. 23 Ankyɛ koraa na akorow foforo bi fi Tiberia baa faako a Awurade maa nnipakuw no aduan dii no. 24 Bere a nnipa no hui sɛ Yesu ne n’asuafo no nni hɔ no, wɔtenatenaa akorow no mu sɛ wɔrekɔ Kapernaum akɔhwehwɛ no.

Yesu, nkwa aduan no

25 Woduu Kapernaum na wohuu Yesu no, wobisaa no se, “Kyerɛkyerɛfo, bere bɛn na wobaa ha?”

26 Yesu buaa wɔn se, “Mereka nokware akyerɛ mo sɛ, ɛnyɛ sɛ muhuuu anwonwade a meyɛe no nti na morehwehwɛ me, na mmom sɛ munyaa aduan di mee no nti. 27 Monnsɛe mo bere nyinaa mmpere nnhwehwɛ aduan a etumi sɛe no akyi kwan, na mmom mompere nhwehwɛ aduan a ɛtena hɔ daa a ɛma nkwa a enni awiei a Onipa Ba no de bɛma mo no akyi kwan. Efisɛ, eyi nti na m’agya somaa me.”

28 Nnipa no bisaa no se, “Dɛn na yɛnyɛ na yɛasɔ Onyankopɔn ani?”

29 Yesu buaa wɔn se, “Nea mobɛyɛ na moasɔ Onyankopɔn ani ne sɛ, mubegye ne Ba a ɔsomaa no no adi.”

30 Nnipa no bisaa no bio se, “Anwonwade bɛn na wobɛyɛ akyerɛ yɛn ama yɛagye wo adi? 31 Sɛ wopɛ sɛ yegye wo di sɛ wone Agyenkwa no de a, ɛnne ma yɛn aduan nni daa sɛnea Kyerɛwsɛm no di ho adanse se, “Mose maa yɛn nenanom mana dii wɔ sare so no.”

32 Yesu ka kyerɛɛ wɔn se, “Mereka nokware akyerɛ mo sɛ, ɛnyɛ Mose na ɔmaa mo nenanom aduan a efi soro no dii sare so hɔ no na mmom ɛyɛ m’agya. Na afei de, ɔma mo aduan a efi soro a ɛma nkwa a enni awiei no di daa. 33 Saa aduan a efi Onyankopɔn nkyɛn no ne onipa a ofi soro ba asase so na ɔde nkwa brɛ wiase no.”

34 Nnipa no ka kyerɛɛ no se, “Owura, ma yɛn saa aduan no bi nni daa.”

35 Yesu kae se, “Mene nkwa abodoo no. Obiara a ɔba me nkyɛn na ogye me di no, ɔkɔm anaa osukɔm renne no da. 36 Sɛnea maka akyerɛ mo no, moahu me nnwuma nanso munnye me nni. 37 Obiara a m’agya de no ama me no, bɛba me nkyɛn na obiara a ɔbɛba me nkyɛn nso no, merempam no. 38 Na mifi soro baa asase so sɛ merebɛyɛ nea ɔsomaa me no apɛde na ɛnyɛ m’apɛde. 39 Na nea ɔsomaa me no apɛde ne sɛ, mɛhwɛ wɔn a ɔde wɔn ama me no nyinaa so yiye na da a edi akyiri no, manyan wɔn ama wɔn nkwa foforo. 40 M’agya apɛde ne sɛ, obiara a ɔba me nkyɛn na ogye me di no benya nkwa a enni awiei na da a edi akyiri no, manyan no ama no nkwa foforo.”

41 Yudafo no tee sɛ Yesu aka se, “Mene aduan a efi soro” no, wonwiinwii.

42 Wɔkɔɔ so kae se, “Ɛnyɛ Yosef ne Maria ba ne saa Yesu yi? Ɛyɛɛ dɛn na otumi ka se ofi soro na ɔbae?”

43 Yesu buaa wɔn se, “Munnyae anwiinwii no. 44 Mommma ɛnnyɛ mo nwonwa sɛ maka saa, na obiara nni hɔ a obetumi aba me nkyɛn, gye sɛ Agya no a ɔsomaa me no twe no ba me ho na da a edi akyiri no, menyan no. 45 Adiyifo no kyerɛwee se, ‘Onyankopɔn ankasa bɛkyerɛkyerɛ ne mma.’ Ɛno nti, obiara a otie Agya no nkyerɛkyerɛ no ba me nkyɛn. 46 Asɛm a maka yi nkyerɛ sɛ obi ahu Agya no pɛn gye onipa a ofi Agya no nkyɛn no.

47 “Mereka nokwasɛm akyerɛ mo sɛ, obiara a ogye me di no, nya nkwa a enni awiei. 48 Mene nkwa aduan no. 49 Mo nenanom dii mana wɔ sare so nso wowuwui, 50 nanso aduan a efi soro ba no yɛ aduan a obi di a ɔrenwu da. 51 Mene nkwa aduan a efi soro no; sɛ obi di saa aduan yi a, ɔbɛtena ase daa. Aduan a mede bɛma obiara a ɔba me nkyɛn no, ne me honam a mede ma sɛnea ɛbɛyɛ na wiase benya nkwa.”

52 Asɛm a Yesu kae yi maa Yudafo no bo fuwii ma wobisabisaa wɔn ho wɔn ho se, “Ɛbɛyɛ dɛn na saa onipa yi betumi de ne honam ama yɛn sɛ aduan ama yɛadi?”

53 Yesu ka kyerɛɛ wɔn se, “Mereka nokwasɛm akyerɛ mo; moanni Onipa Ba no honam sɛ aduan na moannom ne mogya a, morennya nkwa a enni awiei. 54 Obiara a odi me honam sɛ aduan na ɔnom me mogya no nya nkwa a enni awiei, na da a edi akyiri no, menyan no ama no nkwa foforo. 55 Me honam ne aduan pa no na me mogya nso ne nsu pa no. 56 Obiara a odi me honam sɛ aduan na ɔnom me mogya sɛ nsu no, te me mu na me nso mete ne mu. 57 Sɛnea Agya teasefo no somaa me na ɔno nti mete ase no, saa ara nso na obiara a odi me honam sɛ aduan no, me nti, ɔbɛtena ase. 58 Eyi ne aduan a efi soro bae. Ɛnte sɛ mana a yɛn nenanom dii wɔ sare so na wowuwui no. Saa aduan yi de, obiara a obedi bi no bɛtena ase daa.” 59 Bere a na Yesu rekyerɛkyerɛ wɔ hyiadan mu wɔ Kapernaum no na ɔkaa saa nsɛm yi.

Yesu akyidifo no mu pii twe wɔn ho

60 Yesu akyidifo no mu pii tee asɛm a ɔkae no, wɔkae se, “Saa asɛm yi de, ɛkyere yɛn adwene. Hena na ɔbɛte ase?”

61 Yesu hui sɛ n’akyidifo no renwiinwii no, obisaa wɔn se, “Asɛm a mekae yi to mo hintidua anaa? 62 Ɛnne ɛba sɛ Onipa Ba no resan akɔ soro faako a ofi bae no a, dɛn na mobɛyɛ? 63 Onyankopɔn honhom na ɛma nkwa. Onipa ntumi mma nkwa. Nsɛm a maka akyerɛ mo yi yɛ honhom na nkwa wɔ mu, 64 nanso mo mu bi nnye nni.” Efi mfitiase no na Yesu huu wɔn a wonnye no nni ne wɔn a wɔbɛtwe wɔn ho afi ne ho.

65 Ɔkɔɔ so kae se, “Eyi nti na meka kyerɛɛ mo se, obi ntumi mma me nkyɛn gye sɛ Agya no ama no ho kwan” no.

66 Esiane saa nsɛm a Yesu kae no nti, n’akyidifo no mu pii twee wɔn ho fii ne ho na wɔanni n’akyi bio.

67 Yesu huu saa no, obisaa asuafo dumien no se, “Mo nso mubegyae m’akyidi anaa?”

68 Simon Petro buaa no se, “Awurade, hena nkyɛn na yɛbɛkɔ? Wo na wowɔ nsɛm a ɛwɔ nkwa a enni awiei. 69 Na yegye wo nsɛm no di na yenim sɛ wone Onyankopɔn Ba Kronkron no.”

70 Yesu kɔɔ so kae se, “Me ara na miyii mo dumien yi nanso mo mu baako yɛ ɔbonsam.” 71 Asɛm a Yesu kae no na ɛfa Yuda a ɔyɛ Simon Iskariot ba no, a ɔyɛ asuafo dumien no mu baako a obeyi Yesu ama no ho.