Add parallel Print Page Options

Nsɔwano a ɛto so ason

Bere a Oguammaa no buee nsɔwano a ɛto so ason no, ɔsoro nyinaa tɛm dinn bɛyɛ dɔnhwerew fa. Afei mihuu abɔfo baason a wogyinagyina Onyankopɔn anim. Wɔmaa wɔn ntorobɛnto ason.

Ɔbɔfo foforo a na ɔwɔ sikakɔkɔɔ aduhuam adaka begyinaa afɔremuka no ho. Wɔmaa no aduhuam bebree sɛ ɔmfa mmɔ mpae nka Onyankopɔn nkurɔfo no de ho na ɔmmɔ sikakɔkɔɔ a esi ahengua no anim no so afɔre. Aduhuam no hua ne Onyankopɔn nkurɔfo mpae fi abɔfo no nsam kɔɔ soro.

Afei ɔbɔfo no faa aduhuam adaka no de ogya a efi afɔremuka no so hyɛɛ no ma tow kyenee asase so. Na aprannaa ne nne ahorow ne anyinam ne asasewosow bae.

Na abɔfo baason a wokitakita ntorobɛnto ason no siesiee wɔn ho sɛ wɔrebɛhyɛn.

Ɔbɔfo a odi kan no hyɛn ne torobɛnto. Na asukɔtwea ne ogya a ɛne mogya adi afra tɔ guu asase so. Asase nkyɛm abiɛsa mu baako hyewee. Nnua nkyɛm abiɛsa mu baako hyewee, ɛnna sare nyinaa nso hyewee.

Afei ɔbɔfo a ɔto so abien no hyɛn torobɛnto. Wɔtow biribi a ɛte sɛ bepɔw kɛse a ɛredɛw too po mu. Ɛpo no nkyɛm abiɛsa mu baako danee mogya. Na abɔde a ɛwɔ nkwa a ɛwɔ po no mu nkyɛm abiɛsa mu baako wuwui maa ahyɛn mu nkyɛm abiɛsa mu baako bobɔe.

10 Afei ɔbɔfo a ɔto so abiɛsa hyɛn ne torobɛnto. Nsoromma kɛse bi a ɛredɛw sɛ ogyatɛn tew fi soro bɛhwee nsu nkyɛm abiɛsa mu baako mu. 11 Nsoromma no din de Ɔnwene. Nsu no nkyɛm abiɛsa mu baako yɛɛ nwene, na nnipa a wɔnomee no mu pii wuwui, efisɛ, na ayɛ nwene.

12 Afei ɔbɔfo a ɔto so anan no hyɛn ne torobɛnto. Na wɔkaa owia nkyekyɛm abiɛsa mu baako ne ɔsram nkyekyɛm abiɛsa mu baako, ne nsoromma nkyekyɛm abiɛsa mu baako, nkyekyɛm abiɛsa mu baako no duduruu sum, na adekyee mu nkyekyɛm abiɛsa mu baako anhyerɛn, na anadwo nso saa ara. 13 Na mehwɛe, na metee sɛ ɔkɔre bi a watu nam soro soro teɛɛm se, “Wɔn a wɔte asase so no nnue; wonnue, wonnue esiane torobɛnto a aka a abɔfo baasa no rebɛhyɛn no nti.”