Add parallel Print Page Options

Yɛrekyerɛw mo afa nea ɛwɔ hɔ fi mfitiase, nea yɛate, nea yɛde yɛn ani ahu, nea yɛhwɛe na yɛde yɛn nsa kae wɔ nkwa asɛm no ho no ho. Nkwa no daa ne ho adi no, yehui. Ɛno nti, yɛka ho asɛm kyerɛ mo ka nkwa a enni awiei a na ɛwɔ Agya no nkyɛn a wɔdaa no adi kyerɛɛ yɛn no. Yɛkaa nea yehui na yɛtee no kyerɛɛ mo nso, sɛnea ɛbɛyɛ a mode mo ho bɛbata yɛn ho wɔ ɔdɔ a yɛne Agya no ne Ɔba Yesu Kristo wɔ no mu. Yɛrekyerɛw eyi sɛnea ɛbɛyɛ a yɛn anigye bewie pɛyɛ.

Onyankopɔn yɛ hann

Afei, eyi ne asɛm a yɛate afi ne Ba no nkyɛn a yɛrebɔ mo amanneɛ: Onyankopɔn yɛ hann a esum nni ne mu koraa. Na sɛ afei yɛka se yɛne no wɔ ayɔnkofa na saa bere koro no ara mu yɛte sum mu a, na yɛredi atoro wɔ yɛn nsɛm ne yɛn nneyɛe mu. Na sɛ yɛte hann mu sɛnea ɔte hann mu no a, ɛnne na yɛne yɛn ho yɛn ho wɔ ayɔnkofa, na ne Ba Yesu no mogya tew yɛn ho fi bɔne nyinaa ho.

Sɛ yɛka se yenni bɔne a, na yɛdaadaa yɛn ho, na nokware no nni yɛn mu. Sɛ yɛka yɛn bɔne kyerɛ Onyankopɔn a, ɔyɛ ɔnokwafo ne ɔtreneeni sɛ ɔde yɛn bɔne bɛkyɛ yɛn, na watew yɛn ho afi nea ɛnteɛ nyinaa ho. 10 Sɛ yɛka se yɛnyɛɛ bɔne a, yɛma Onyankopɔn yɛ ɔtorofo a n’asɛm no nni yɛn mu.